Genesis 44:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Yosef kaa sɛ, “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ adeɛ a ɛte saa. Onipa a wɔhunuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no nko ara na ɔbɛyɛ mʼakoa. Mo a moaka no deɛ, monsane nkɔ mo agya nkyɛn asomdwoeɛ mu.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔse: Ɛmpare me sɛ meyɛ saa. Na deɛ wɔhunuu kuruwa no wɔ ne nsa mu no, ɔno ara na ɔbɛyɛ m’akoa, na mo deɛ, monsim mfa asomdwoeɛ nkɔ mo agya nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔse: Ɛmpare me sɛ meyɛ saa. Na deɛ wɔhunuu kuruwa no wɔ ne nsa mu no, ɔno ara na ɔbɛyɛ m’akoa, na mo deɛ, monsim mfa asomdwoeɛ nkɔ mo agya nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ose: Ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa. Na nea wohuu kuruwa no wɔ ne nsam no, ɔno ara na ɔbɛyɛ m'akoa, na mo de, munsim mfa asomdwoe nkɔ mo agya nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Yosef kae se, “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Onipa a wohuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no nko ara na ɔbɛyɛ mʼakoa. Mo a moaka no de, monsan nkɔ mo agya nkyɛn asomdwoe mu.”