Genesis 44:27 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Afei, wo ɔsomfoɔ, yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Monim sɛ me ne me yere woo mmammarima baanu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna w’akoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Mo ara monim sɛ mma baanu na me yere wo maa me.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna w’akoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Mo ara monim sɛ mma baanu na me yere wo maa me.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna w'akoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Mo ara munim sɛ mma baanu na me yere wo maa me.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Wʼakoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn se, ‘Munim sɛ me ne me yere woo mmabarima baanu.