Genesis 45:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa nneɛma a ɛdidi so yi nso na Yosef de kɔmaa nʼagya Israel: mfunumunini edu a wɔahyehyɛ Misraim nneɛma pa wɔ wɔn so, mfunumubereɛ edu a wɔsoso aburoo, burodo ne nnuane ahodoɔ ne nʼakwansoduane.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na deɛ ɔde kɔmaa n’agya nso nie: Mfunumu du a wɔsoso Misraim nnepa no bie ne mfunumubereɛ du a wɔsoso aburoo ne paanoo ne akwansoduane a ɛbɛyɛ n’agya dea.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na deɛ ɔde kɔmaa n’agya nso nie: Mfunumu du a wɔsoso Misraim nnepa no bie ne mfunumubereɛ du a wɔsoso aburoo ne paanoo ne akwansoduane a ɛbɛyɛ n’agya dea.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nea ɔde kɔmaa n'agya nso ni: Mfurum du a wɔsoso Misraim nnepa no bi ne mfurummere du a wɔsoso aburow ne abodoo ne aduan a ɛbɛyɛ n'agya akwansoduan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa nneɛma a edidi so yi nso na Yosef de kɔmaa nʼagya Israel: mfurumnini du a wɔahyehyɛ Misraim nneɛma pa wɔ wɔn so, mfurummmere du a wɔsoso aburow, brodo ne nnuan ahorow ne nʼakwansoduan.