Genesis 46:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yeinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babaa Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob wareeɛ no mma. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunsia.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
(Yeinom ne Silpa a Laban de no maa ne babaa Lea no mma a ɔwo maa Yakob, wɔyɛ akra dunsia.)
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
(Yeinom ne Silpa a Laban de no maa ne babaa Lea no mma a ɔwo maa Yakob, wɔyɛ akra dunsia.)
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyinom ne Silpa a Laban de no maa ne babea Lea no mma a ɔwo maa Yakob, wosi akra dunsia.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babea Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob waree no mma. Wɔn nyinaa dodow ano si nnipa dunsia.