Genesis 46:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mʼankasa me ne wo bɛkɔ Misraim, na masane ne wo aba ha bio. Ɛduru ɛberɛ a worebɛwu a, wobɛwu Yosef anim.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Me ne wo bɛsiane akɔ Misraim, na mede wo asane aba nso, na Yosef deɛ, ne nsa so na wo bɛwuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Me ne wo bɛsiane akɔ Misraim, na mede wo asane aba nso, na Yosef deɛ, ne nsa so na wo bɛwuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Me ne wo besian akɔ Misraim, na mede wo masan maba nso, na Yosef abasa so na wobewu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mʼankasa ne wo bɛkɔ Misraim, na masan de wo aba ha. Edu bere a worebewu a, wubewu wɔ Yosef nsam.”