Genesis 47:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a ɔnya firii aduanetɔn no mu no baa Farao ahemfie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yosef prapraa sika a ɛwɔ Misraim asase ne Kanaan asase soɔ nyinaa wɔ aburoo a wɔbɛtɔeɛ no mu, na Yosef de sika no kɔɔ Farao fie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yosef prapraa sika a ɛwɔ Misraim asase ne Kanaan asase soɔ nyinaa wɔ aburoo a wɔbɛtɔeɛ no mu, na Yosef de sika no kɔɔ Farao fie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yosef boaboaa sika a ɛwɔ Misraim asase ne Kanaan asase so nyinaa wɔ aburow a wɔbɛtɔe no mu, na Yosef de sika no kɔɔ Farao fi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a onya fii aduantɔn no mu no baa Farao ahemfi.