Genesis 47:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afe akyiri no, Misraimfoɔ no nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛkaa sɛ, “Yɛrentumi mfa biribiara nhinta yɛn wura. Yɛn ho sika nyinaa asa, na yɛn anantwie nso yɛ wo dea. Biribiara bio nni hɔ a yɛbɛtumi de abrɛ wo, yɛn wura, sɛ yɛn nnipadua ne yɛn nsase nko.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afe no twaa mu no, afe a ɛdi soɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Yɛremfa nhunta me wura sɛ yɛn sika asa na mmoa akuakuo no yɛ me wura dea, na biribiara nkae wɔ me wura anim sɛ yɛn honam ne yɛn asase nko.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afe no twaa mu no, afe a ɛdi soɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Yɛremfa nhunta me wura sɛ yɛn sika asa na mmoa akuakuo no yɛ me wura dea, na biribiara nkae wɔ me wura anim sɛ yɛn honam ne yɛn asase nko.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afe no twaam no, afe a edi so no, wɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Yɛremfa nhintaw me wura sɛ yɛn sika asa, na mmoa akuwakuw no yɛ me wura dea, na biribiara nkae wɔ me wura anim sɛ yɛn honam ne yɛn asase nko.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afe akyi no, Misraimfo no nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛkae se, “Yɛrentumi mfa biribiara nhintaw yɛn wura. Yɛn ho sika nyinaa asa, na yɛn anantwi nso yɛ wo dea. Hwee nni hɔ bio a yebetumi de abrɛ wo, yɛn wura, sɛ yɛn nnipadua ne yɛn nsase nko.