Genesis 47:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Yosef tɔɔ Misraim nsase nyinaa maa Farao. Esiane ɛkɔm no ano den enti, Misraimfoɔ no tɔn wɔn nsase no nyinaa. Ɛyɛɛ saa maa nsase no nyinaa bɛdii Farao nsam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yosef tɔɔ Misraim asase nyinaa maa Farao. Na Misraimfoɔ nyinaa tontɔnee wɔn mfuo, ɛfiri sɛ ɛkɔm no denee wɔn, na asase no danee Farao dea.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yosef tɔɔ Misraim asase nyinaa maa Farao. Na Misraimfoɔ nyinaa tontɔnee wɔn mfuo, ɛfiri sɛ ɛkɔm no denee wɔn, na asase no danee Farao dea.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yosef tɔɔ Misraim asase nyinaa maa Farao, na Misraimfo nyinaa tontɔn wɔn mfuw, efisɛ ɔkɔm no den wɔn, na asase no dan Farao dea.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Yosef tɔɔ Misraim nsase nyinaa maa Farao. Esiane ɔkɔm no ano den nti, Misraimfo no tɔn wɔn nsase no nyinaa. Ɛyɛɛ saa ma nsase no nyinaa bedii Farao nsam.