Genesis 47:24 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ aburoo no yɛ yie, na motwa a, momfa nkyɛmu enum mu baako mmrɛ Farao. Na nkyɛmu enum mu ɛnan a ɛbɛka no, mo ne mo fiefoɔ ne mo mma nni bi, na monnya bi nso a mobɛdua.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na deɛ ɛbɛsoɔ no, momfa nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, na emu abupɛn nnan no nyɛ mo dea, na mode bi adua mfuo mu, na mode bi ayɛ mo ne mo fiefoɔ ne mo mma aduane.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na deɛ ɛbɛsoɔ no, momfa nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, na emu abupɛn nnan no nyɛ mo dea, na mode bi adua mfuo mu, na mode bi ayɛ mo ne mo fiefoɔ ne mo mma aduane.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nea ɛbɛsow no, momfa nkyɛm anum mu biako mma Farao, na emu abupɛn anan no nyɛ mo dea, na mode bi adua mo mfuw mu, na mode bi ayɛ mo ne mo fifo ne mo mma aduan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ aburow no yɛ yiye, na mutwa a, momfa nkyɛmu anum mu baako mmrɛ Farao. Na nkyɛmu anum mu anan a ɛbɛka no, mo ne mo fifo ne mo mma nni bi, na munnyaw bi nso a mubedua.”