Genesis 48:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a mefiri Paddan-Aram reba no, ababaawa Rahel wuu wɔ ɛkwan mu, ma ɛyɛɛ me ya. Na aka akwansini kakra na yɛaduru Efrat. Ɛno enti, mesiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na me deɛ, mefiri Padan baeɛ no, Rahel wui m’anim wɔ Kanaan asase so wɔ kwan mu, na aka kwantiaa bi na wɔaduru Efrat, na mesiee no hɔ wɔ Efrat (a ɛne Betlehem) no kwan nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na me deɛ, mefiri Padan baeɛ no, Rahel wui m’anim wɔ Kanaan asase so wɔ kwan mu, na aka kwantiaa bi na wɔaduru Efrat, na mesiee no hɔ wɔ Efrat (a ɛne Betlehem) no kwan nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na me de, mifi Padan mebae no, Rahel wui m'anim wɔ Kanaan asase so wɔ ɔkwan mu, na aka ɔkwantiaa bi na wadu Efrat, na misiee no hɔ wɔ Efrat a ɛne Betlehem no kwan nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a mifi Paddan-Aram reba no, ababaa Rahel wuu wɔ ɔkwan mu ma ɛyɛɛ me yaw. Na aka akwansin kakraa bi na yɛadu Efrat. Ɛno nti, misiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.”