Genesis 5:29 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔtoo no edin Noa, na ɔkaa sɛ, ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegyeɛ afiri kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔtoo ne din Noa, na ɔkaa sɛ: Oyi na ɔbɛkyekyere yɛn werɛ wɔ yɛn nnwuma ne yɛn nsa ano brɛ mu wɔ asase a AWURADE adome no soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔtoo ne din Noa, na ɔkaa sɛ: Oyi na ɔbɛkyekyere yɛn werɛ wɔ yɛn nnwuma ne yɛn nsa ano brɛ mu wɔ asase a AWURADE adome no soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔtoo no din Noa, na ɔkae sɛ: Oyi na ɔbɛkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn nnwuma ne yɛn nsa ano brɛ mu wɔ asase a AWURADE adome no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔtoo no din Noa, na ɔkae se, “Ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegye afi kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so.”