Genesis 50:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yosef agya wuo akyiri no, ne nuanom no de ehu ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Sɛ ɛba sɛ Yosef da so wɔ yɛn ho menasepɔ, na ɔtua yɛn bɔne ahodoɔ a yɛayɛ no nyinaa so ka a, na yɛreyɛ no ɛdeɛn.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yosef nuanom hunuu sɛ wɔn agya awuo no, wɔkaa sɛ: Ebia Yosef bɛtane yɛn, na watua yɛn bɔne a yɛyɛɛ no nyinaa so ka.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yosef nuanom hunuu sɛ wɔn agya awuo no, wɔkaa sɛ: Ebia Yosef bɛtane yɛn, na watua yɛn bɔne a yɛyɛɛ no nyinaa so ka.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yosef ne nuanom hui sɛ wɔn agya awu no, wɔkae sɛ: Ebia Yosef bɛtan yɛn, na watua yɛn bɔne a yɛyɛɛ no nyinaa so ka.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yosef agya wu akyi no, ne nuanom no de ehu ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Sɛ ɛba sɛ Yosef da so wɔ yɛn ho menasepɔw, na otua yɛn bɔne ahorow a yɛayɛ no nyinaa so ka a, na yɛreyɛ no dɛn?”