Genesis 7:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Fa mmoa a wɔn ho te biara, anini nson ne abereɛ nson ka wo ho. Na fa mmoa biara a wɔn ho nte nso mmienu, onini ne ɔbereɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mmoa a wɔn ho teɛ nyinaa mu, fa nson nson, anini ne abedeɛ. Na mmoa a wɔn ho nteɛ mu, fa mmienu mmienu, onini ne ɔbedeɛ;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mmoa a wɔn ho teɛ nyinaa mu, fa nson nson, anini ne abedeɛ. Na mmoa a wɔn ho nteɛ mu, fa mmienu mmienu, onini ne ɔbedeɛ;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mmoa a wɔn ho tew nyinaa mu, fa ason asɔn, anini ne abere. Na mmoa a wɔn ho ntew mu, fa abien abien, onini ne ɔbere;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Fa mmoa a wɔn ho tew biara, anini ason ne abere ason ka wo ho. Na fa mmoa biara a wɔn ho ntew nso abien, onini ne ɔbere.