Genesis 7:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔpepaa biribiara a nkwa wɔ mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔdeɛ a wɔnam asase so ne ewiem nnomaa nyinaa nso, wɔpepaa wɔn firii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu nko ara.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔpepaa biribiara a nkwa wom a ɛwɔ asase ani, ɛfiri nnipa so kɔsi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa so. Na wɔpepaa wɔn firii asase so, na ɛkaa Noa nko ara ne wɔn a wɔne no wɔ adaka no mu no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔpepaa biribiara a nkwa wom a ɛwɔ asase ani, ɛfiri nnipa so kɔsi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa so. Na wɔpepaa wɔn firii asase so, na ɛkaa Noa nko ara ne wɔn a wɔne no wɔ adaka no mu no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔpopaa biribiara a nkwa wom a ɛwɔ asase ani, efi nnipa so kosi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne wim nnomaa so, na wɔpopaa wɔn fii asase so, na ɛkaa Noa nko ne wɔn a wɔne no wɔ adaka no mu no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔpepaa biribiara a nkwa wɔ mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔde a wɔnam asase so ne wim nnomaa nyinaa nso wɔpepaa wɔn fii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu no nko ara.