Genesis 8:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɛbaa sɛ Noa dii mfeɛ ahansia ne baako, bosome a ɛdi ɛkan no mu ɛda a ɛdi ɛkan no, na nsuo no atwe afiri asase no so. Enti, Noa yii adaka no suhyɛ no, na ɔhunuu sɛ, asase so awo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Noa afe a ɛtɔ so ahansia ne baako, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na na nsuo no awe asase soɔ. Na Noa yii suhyɛ no firii adaka no so, na ɔhwɛe, na hwɛ, na asase ani awo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Noa afe a ɛtɔ so ahansia ne baako, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na na nsuo no awe asase soɔ. Na Noa yii suhyɛ no firii adaka no so, na ɔhwɛe, na hwɛ, na asase ani awo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afe a ɛto so ahansia ne biako, ɔsram a edi kan no da a edi kan no na nsu no ayow asase so; na Noa yii suhyɛ no fii adaka no so, na ɔhwɛe, na hwɛ, asase ani awo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɛbaa sɛ Noa dii mfe ahansia ne baako, ɔsram a edi kan no mu da a edi kan no, na nsu no atwe afi asase no so. Enti Noa yii Adaka no suhyɛ no, na ohuu sɛ asase so awo.