Genesis 9:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mɛhunu, na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ asase yi so ntam no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nyankontɔn no bɛba mununkum mu, na mahwɛ, na mede makae daa apam a ɛwɔ Onyankopɔn ne nnipa ne abɔdeɛ mu ateasefoɔ a ɛwɔ asase soɔ nyinaa no ntam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nyankontɔn no bɛba mununkum mu, na mahwɛ, na mede makae daa apam a ɛwɔ Onyankopɔn ne nnipa ne abɔdeɛ mu ateasefoɔ a ɛwɔ asase soɔ nyinaa no ntam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nyankontɔn no bɛba omununkum mu, na mahwɛ, na mede makae daa apam a ɛwɔ Onyankopɔn ne abɔde a ɛwɔ asase so nyinaa ntam no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mehu na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa a wɔwɔ asase yi so no ntam no.”