Genesis 9:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yeinom ne Noa mmammarima a wɔfiri adaka no mu baeɛ: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Noa mma a wɔfirii adaka no mu firii adie ne Sem, Ham ne Yafet; na Ham ne Kanaan n’agya.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Noa mma a wɔfirii adaka no mu firii adie ne Sem, Ham ne Yafet; na Ham ne Kanaan n’agya.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Noa mma a wofii adaka no mu fii adi no ne Sem ne Ham ne Yafet; na Ham ne Kanaan n'agya.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyinom ne Noa mmabarima a wofi Adaka no mu bae: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan.