Habakkuk 2:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛgyina mʼahwɛeɛ na mawɛn. Mɛbɔ nsra na mahwɛ deɛ ɔbɛka akyerɛ me, ne mʼanoyie a mede bɛma nkurobɔ yi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mɛgyina m’ahwɛeɛ, na mede me ho bɛsi aban so, na masra mahwɛ asɛm ko a ɔbɛka akyerɛ me ne deɛ mede bɛbua no wɔ me nkurobɔ no ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mɛgyina m’ahwɛeɛ, na mede me ho bɛsi aban so, na masra mahwɛ asɛm ko a ɔbɛka akyerɛ me ne deɛ mede bɛbua no wɔ me nkurobɔ no ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Megyina m’ahwɛe na mede me ho besi aban so, na masra mahwɛ asɛm ko a ɔbɛka akyerɛ me, ne nea mede bebua no me nkurobɔ ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Megyina mʼahwɛe na mawɛn. Mɛbɔ nsra na mahwɛ nea ɔbɛka akyerɛ me, ne mʼanoyi a mede bɛma nkurobɔ yi.