Habakkuk 2:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Hwɛ, wama ne ho so; nʼapɛdeɛ ntene, nanso ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwɛ, ɔbɔnefoɔ kra huhuru, ɛntene wɔ ne mu, na ɔteneneeni deɛ, ɔnam ne nokorɛdie so na ɔbɛtena ase.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwɛ, ɔbɔnefoɔ kra huhuru, ɛntene wɔ ne mu, na ɔteneneeni deɛ, ɔnam ne nokorɛdie so na ɔbɛtena ase.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ, ahantanfo. Wɔn kra nteɛ wɔ wɔn mu, na ɔtreneeni de, ne gyidi mu na obenya nkwa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Hwɛ, ɔtamfo no ama ne ho so; nʼapɛde nteɛ, nanso ɔtreneeni fi gyidi mu benya nkwa.