Haggai 2:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene Dario adedie mfeɛ mmienu mu, ɔbosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu ɛnan, Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Odiyifoɔ Hagai.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu nnan, Dario afe a ɛtɔ so mmienu no mu, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa sɛ:
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu nnan, Dario afe a ɛtɔ so mmienu no mu, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa sɛ:
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔsram a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu anan, Dario afe a ɛto so abien no mu, Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so bae sɛ:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene Dario adedi mfe abien mu, ɔsram a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu anan, Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Odiyifo Hagai.