Haggai 2:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Hagai bisaa sɛ, “Na sɛ obi nso de ne ho ka efunu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiri nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a, na wɔagu ho fi anaa?” Na asɔfoɔ no buaa sɛ, “Aane.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Hagai bisaa sɛ: Sɛ, efunu nti, deɛ ne ho akum kɔka yeinom biara a, na ɛho akum anaa? Na asɔfoɔ no bua see sɛ: Aane, ɛho akum.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Hagai bisaa sɛ: Sɛ, efunu nti, deɛ ne ho akum kɔka yeinom biara a, na ɛho akum anaa? Na asɔfoɔ no bua see sɛ: Aane, ɛho akum.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Hagai bisaa sɛ: Nea funu nti ne ho akum kɔka eyinom biara a, na ɛho akum anaa? Na asɔfo no bua kaa se: Yiw ɛho akum.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Hagai bisae se, “Na sɛ obi nso de ne ho ka funu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiw nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a na wɔagu ho fi ana?” Na asɔfo no buae se, “Yiw.”