Hebrews 10:28 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Obiara a ɔbu Mose Mmara no so no, sɛ adansefoɔ baanu anaa baasa adansedie enti, wɔbu atɛn tia no a, wɔbɛkum no a wɔrenhunu no mmɔbɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ obi to Mose mmara a, ɔkwati mmɔborɔhunu gyina adansefoɔ baanu anaa baasa anomu asɛm so wu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ obi to Mose mmara a, ɔkwati mmɔborɔhunu gyina adansefoɔ baanu anaa baasa anomu asɛm so wu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ obi po Mose mmara a, ɔkwati mmɔborohunu gyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so wu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obiara a obu Mose Mmara no so no, sɛ nnansefo baanu anaa baasa adansedi nti, wobu atɛn tia no a, wobekum no a wɔrenhu no mmɔbɔ.