Hebrews 11:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Gyidie enti, Abraham de ne ba Isak kɔbɔɔ afɔdeɛ ɛberɛ a Onyankopɔn sɔɔ no hwɛeɛ. Abraham nko ara ne onipa a na Onyankopɔn ahyɛ no bɔ no, nanso na wasiesie ne ho sɛ, ɔde ne ba korɔ no bɛbɔ afɔdeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Gyidie nti na wɔsɔɔ Abraham hwɛeɛ no, ɔde Isak kɔbɔɔ afɔdeɛ, na deɛ ɔgyee bɔhyɛ no, de ne ba korɔ no kɔmae.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Gyidie nti na wɔsɔɔ Abraham hwɛeɛ no, ɔde Isak kɔbɔɔ afɔdeɛ, na deɛ ɔgyee bɔhyɛ no, de ne ba korɔ no kɔmae.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Gyidi nti na wɔsɔɔ Abraham hwɛe no, ɔde Isak kɔbɔɔ afɔre, na nea ogyee bɔhyɛ no, de ne ba koro no kɔmae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Gyidi nti Abraham de ne ba Isak kɔbɔɔ afɔre bere a Onyankopɔn sɔɔ no hwɛe. Abraham nko ara ne onipa a na Onyankopɔn ahyɛ no bɔ no, nanso na wasiesie ne ho sɛ ɔde ne ba koro no bɛbɔ afɔre.