Hebrews 11:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Gyidie na ɛma yɛte aseɛ sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ ewiase. Ɛma yɛhunu sɛ wɔbɔɔ deɛ wɔhunu firii deɛ wɔnnhunu mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Gyidie na yɛde te aseɛ sɛ wiase ahodoɔ wɔde Nyankopɔn asɛm na ɛsiesieeɛ, enti deɛ ani tua firi nnoɔma a ɛnna adie mu na ɛbaeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Gyidie na yɛde te aseɛ sɛ wiase ahodoɔ wɔde Nyankopɔn asɛm na ɛsiesieeɛ, enti deɛ ani tua firi nnoɔma a ɛnna adie mu na ɛbaeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Gyidi na yɛde te ase sɛ wiase ahorow, wɔde Onyankopɔn asɛm na asiesie, enti nea ani tuae fi nneɛma a ɛnna adi mu na ɛbae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Gyidi na ɛma yɛte ase sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ wiase. Ɛma yehu sɛ wɔbɔɔ nea wohu fii nea wonhu mu.