Hebrews 11:37 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔsii ebi aboɔ. Wɔde sradaa paee ebinom mu mmienu, de sekan kumm bi. Wɔkyinkyinii sɛ nnipa a nnwan ne mmirekyie nhoma kata wɔn ho. Wɔyɛɛ mmɔbɔ. Wɔn ho dwanee wɔn na wɔhunuu amane.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔsii wɔn aboɔ, de sradaa paee wɔn mu, sɔɔ wɔn hwɛɛ, de nkrantɛ kunkumm wɔn. Wɔkyinii nnwanten ne mmirekyie nwoma mu, ɛhiaa wɔn, wɔn ho dwanee wɔn, wɔhunuu amane.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔsii wɔn aboɔ, de sradaa paee wɔn mu, sɔɔ wɔn hwɛɛ, de nkrantɛ kunkumm wɔn. Wɔkyinii nnwanten ne mmirekyie nwoma mu, ɛhiaa wɔn, wɔn ho dwanee wɔn, wɔhunuu amane.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wosiw wɔn abo, de ɔwan paee wɔn mu, sɔɔ wɔn hwɛe, de nkrante kunkum wɔn. Wokyinii nguanten ne mmirekyi nhoma mu, ehiaa wɔn, wɔn ho guan wɔn, wohuu amane.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wosiw ebinom abo. Wɔde sradaa paee ebinom mu abien, de afoa kum bi. Wokyinkyin sɛ nnipa a nguan ne mmirekyi nwoma kata wɔn ho. Wɔyɛɛ mmɔbɔ. Wɔn ho hiaa wɔn na wohuu amane.