Hebrews 11:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Gyidie enti na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no so no, ɔtieeɛ na ɔkɔeɛ. Ɔgyaa ne ɔman hɔ kɔeɛ a na ɔnnim baabi a ɔrekɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Gyidie na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde setie firi kɔɔ baabi a daakye ɔbɛnya hɔ sɛ agyapadeɛ, na ɔfirii adi a na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Gyidie na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde setie firi kɔɔ baabi a daakye ɔbɛnya hɔ sɛ agyapadeɛ, na ɔfirii adi a na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Gyidi na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde osetie fi kɔɔ baabi a daakye obenya hɔ sɛ agyapade, na ofii adi a onnim nea ɔrekɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Gyidi nti na bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no no so no, otiei na ɔkɔe. Ogyaw ne man hɔ kɔe a na onnim faako a ɔrekɔ.