Hebrews 13:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Onyankopɔn anyane yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ panin no afiri awufoɔ mu ama yɛn na ɛnam ne owuo no so enti, wɔasɔ daa apam no ano ama yɛn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na asomdwoeɛ Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya soɔ, ayi nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛn Awurade Yesu afiri awufoɔ mu no,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na asomdwoeɛ Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya soɔ, ayi nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛn Awurade Yesu afiri awufoɔ mu no,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na asomdwoe Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya so ayi nguan no hwɛfo kɛse a ɔne yɛn Awurade Yesu afi awufo mu no,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Onyankopɔn anyan yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ oguanhwɛfo panyin no afi awufo mu ama yɛn, na ɛnam ne wu no so nti wɔasɔw daa apam no ano ama yɛn.