Hebrews 7:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno akyi, Onyankopɔn ntam abɛka ho. Ɛberɛ a ɔhyɛɛ Aaron asefoɔ asɔfoɔ no na ntam a ɛte saa nni hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛdeɛ wɔankwati ntanka anyɛ yei no, ɛwom sɛ wɔn deɛ, wɔkwatii ntanka yɛɛ asɔfoɔ,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛdeɛ wɔankwati ntanka anyɛ yei no, ɛwom sɛ wɔn deɛ, wɔkwatii ntanka yɛɛ asɔfoɔ,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛnea wɔankwati ntanka anyɛ eyi no, ɛwom sɛ wɔn de, wɔkwatii ntanka yɛɛ asɔfo,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔanyɛ a ntanka nka ho. Bere a ɔhyɛɛ Aaron asefo asɔfo no, na ntam a ɛte saa nni hɔ.