Hebrews 8:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, yei ne apam a me ne Israelfoɔ bɛhyehyɛ ɛberɛ a ɛreba no mu, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem na matwerɛ agu wɔn akoma mu. Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, Awurade na ose: Mede me mmara mɛhyɛ wɔn adwenem, na makyerɛw wɔ wɔn komam, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei eyi ne apam a me ne Israelfo bɛhyehyɛ wɔ bere a ɛreba no mu, Awurade na ose: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu na makyerɛw agu wɔn koma mu. Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo.