Hebrews 9:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei enti na Kristo yɛ apam foforɔ no ntamgyinafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no bɛnya nhyira a ɛnni awieeɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Yei aba saa, ɛfiri sɛ, owuo bi asi a ɛgye nnipa firi wɔn bɔne a wɔyɛɛ ɛberɛ a na wɔwɔ apam a ɛdi ɛkan no mu no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yei nti na ɔyɛ Apam foforɔ ntamgyinafoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn a wɔabɔ wɔn din afrɛ wɔn no anya daa agyapadeɛ bɔhyɛ no, ɛsiane owuo a ɔwu de gyee wɔn a wɔyɛɛ kane apam no ho mfomsoɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yei nti na ɔyɛ Apam foforɔ ntamgyinafoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn a wɔabɔ wɔn din afrɛ wɔn no anya daa agyapadeɛ bɔhyɛ no, ɛsiane owuo a ɔwu de gyee wɔn a wɔyɛɛ kane apam no ho mfomsoɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyi nti na ɔyɛ Apam foforo ntamgyinafo, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn a wɔabɔ wɔn din afrɛ wɔn no anya daa agyapade bɔhyɛ no, esiane owu a owu de gyee wɔn a wɔyɛɛ kan apam no ho mfomso no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi nti na Kristo yɛ apam foforo no ntamgyinafo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no benya nhyira a enni awiei sɛnea Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Eyi aba saa, efisɛ owu bi asi a egye nnipa fi wɔn bɔne a wɔyɛɛ bere a na wɔwɔ apam a edi kan no mu no mu.