Hebrews 9:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na sika aduhwamhyeɛ afɔrebukyia ne Apam Adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam abopono no wɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛwɔ sika aduhwamhyeɛ bukyia ne apam adaka a wɔde sika adura ho nyinaa, a sika pɔre a mana wɔ mu, ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam aboɔpono no wɔ mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛwɔ sika aduhwamhyeɛ bukyia ne apam adaka a wɔde sika adura ho nyinaa, a sika pɔre a mana wɔ mu, ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam aboɔpono no wɔ mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛwɔ sika aduhuamhyew muka ne apam adaka a wɔde sika adura ho nyinaa, a sika pɔre a mana wɔ mu ne Aaron poma a ɛfefɛwee ne apam abopon no wɔ mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na sika aduhuamyɛfo afɔremuka ne Apam Adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron pema a ɛfefɛwee ne apam bopon no wɔ.