Hosea 10:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, wɔbɛka sɛ, “Yɛnni ɔhene, ɛfiri sɛ, yɛamfa anidie amma Awurade. Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene kora a, ɛdeɛn na anka ɔbɛtumi ayɛ ama yɛn?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei wɔbɛka sɛ: Yɛnni hene, ɛfiri sɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, ɛdɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei wɔbɛka sɛ: Yɛnni hene, ɛfiri sɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei wɔbɛka sɛ: Yenni hene; efisɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, dɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, wɔbɛka se, “Yenni ɔhene, efisɛ, yɛamfa nidi amma Awurade. Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene koraa a, dɛn na anka obetumi ayɛ ama yɛn?”