Hosea 10:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde no bɛkɔ Asiria, de akɔhyɛ ɔhene kɛseɛ no animuonyam. Ɛbɛgu Efraim anim ase; na Israel ani bɛwu wɔ ne nnua ahoni ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛno nso wɔbɛfa akɔ Asiria de akɔkyɛ Ɔhene Yareb. Aniwuo bɛka Efraim, na Israel ani awu n’agyinatuo ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛno nso wɔbɛfa akɔ Asiria de akɔkyɛ Ɔhene Yareb. Aniwuo bɛka Efraim, na Israel ani awu n’agyinatuo ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛno nso wɔbɛfa akɔ Aseria de akɔkyɛ ɔhene Yareb; aniwu bɛka Efraim, na Israel ani awu n’agyinatu ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde no bɛkɔ Asiria, de akɔhyɛ ɔhene kɛse no anuonyam. Ebegu Efraim anim ase; na Israel ani bewu wɔ ne nnua ahoni ho.