Hosea 12:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Efraim de mframa ayɛ aduane; ɔdi apueeɛ mframa akyi daa na ɔdi atorɔ yɛ akakabensɛm bebree. Ɔne Asiria yɛ apam na ɔde ngo kɔ Misraim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Efraim hwe mframa, na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso, na wɔne Asiria kɔ apam, na wɔsoa ngo kɔ Misraim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Efraim hwe mframa, na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso, na wɔne Asiria kɔ apam, na wɔsoa ngo kɔ Misraim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Efraim hwew mframa, na odi apuei ahum akyi; daa nyinaa ɔma atoro ne ɔsɛe dɔɔso, na ɔne Aseria kɔ apam, na ɔsoa ngo kɔ Misraim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Efraim de mframa ayɛ aduan; odi apuei mframa akyi daa na odi atoro yɛ akakabensɛm bebree. Ɔne Asiria yɛ apam na ɔde ngo kɔ Misraim.