Hosea 12:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade wɔ soboɔ de bɔ Yuda; ɔbɛtwe Yakob aso, wɔ nʼakwan ho na watua no ne nneyɛeɛ so ka.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛdeɛ n’akwan teɛ; sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ no na ɔbɛtua no ka.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛdeɛ n’akwan teɛ; sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ no na ɔbɛtua no ka.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛ n’akwan te; sɛ ne nsɛnnii te no na obetua no ka.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade wɔ sobo de bɔ Yuda; ɔbɛtwe Yakob aso wɔ nʼakwan ho na watua no ne nneyɛe so ka.