Hosea 3:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Akyire yi, Israelfoɔ bɛsane akɔhwehwɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn ɔhene no. Wɔde ahopopoɔ bɛba Awurade nkyɛn na wɔbɛnya ne nhyira wɔ nna a ɛdi akyire no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Akyiri no Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n'adɔe ho, nna a edi akyiri no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Akyiri yi, Israelfo bɛsan akɔhwehwɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn hene no. Wɔde ahopopo bɛba Awurade nkyɛn na wobenya ne nhyira wɔ nna a edi akyiri no mu.