Hosea 6:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Mommra, momma yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn. Wɔatete yɛn mu asinasini nanso ɔbɛsa yɛn yadeɛ. Wapirapira yɛn nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuro.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mommra mma yɛnsan nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watetew yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yare, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Mommra, momma yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn. Watetew yɛn mu asinasin nanso ɔbɛsa yɛn yare. Wapirapira yɛn nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuru.