Isaiah 11:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na nʼani bɛgye wɔ Awurade suro mu. Ɛnnyɛ deɛ ɔde nʼani hunu soɔ na ɔbɛgyina abu atɛn, anaa deɛ ɔde nʼaso bɛteɛ soɔ na ɔbɛgyina asi gyinaeɛ;
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE suro bɛyɛ no hwam. Na ɛnyɛ deɛ n’ani hunu so na ɔbɛbu atɛn, na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ so na ɔbɛdi asɛm,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE suro bɛyɛ no hwam. Na ɛnyɛ deɛ n’ani hunu so na ɔbɛbu atɛn, na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ so na ɔbɛdi asɛm,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE suro bɛyɛ no huam. Na ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na nʼani begye wɔ Awurade suro mu. Ɛnyɛ nea ɔde nʼani hu so na obegyina abu atɛn, anaa nea ɔde nʼaso bɛte so na obegyina asi gyinae;