Isaiah 11:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔnantwie ne sisire bɛbɔ mu adidi, wɔn mma bɛdeda faako, na gyata bɛwe wira te sɛ nantwie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nantwibereɛ ne sisire bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wira sɛ nantwie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nantwibereɛ ne sisire bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wira sɛ nantwie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nantwibere ne osisi bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wura sɛ nantwi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nantwi ne sisi bɛbɔ mu adidi, wɔn mma bɛdeda faako, na gyata bɛwe wura te sɛ nantwi.