Isaiah 13:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa rentena hɔ bio awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; Arabni biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ; odwanhwɛfoɔ biara remfa ne nnwan nkɔ home wɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Obi rentena mu da biara da, na obi renkɔtena hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu, na Arab atutenani biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ, na nnwanhwɛfoɔ nso remma wɔn mmoa mmutu hɔ;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Obi rentena mu da biara da, na obi renkɔtena hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu, na Arab atutenani biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ, na nnwanhwɛfoɔ nso remma wɔn mmoa mmutu hɔ;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Obi rentena mu da biara da, na obi renkɔtena hɔ, awo ntoatoaso a edidi so mu, na Arabiani biara rensi ntamadan hɔ, na nguanhwɛfo nso remma wɔn mmoa mmutuw hɔ;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa rentena hɔ bio awo ntoatoaso nyinaa mu; Arabni biara rensi ne ntamadan wɔ hɔ oguanhwɛfo biara remfa ne nguan nkɔhome wɔ hɔ.