Isaiah 13:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Tie hooyɛ bi a ɛwɔ mmepɔ no so te sɛ nnipa dɔm bebree deɛ! Tie akasakasa a ɛwɔ ahennie ahodoɔ mu, te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano! Asafo Awurade reboa ɛdɔm ano akɔ ɔko.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Asafo yuu gyegyeegye wɔ mmepɔ so sɛdeɛ nkurɔfoɔ bebree deɛ teɛ no: Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ano, ahennie ahodoɔ huuyɛ gyegyeegye, asafo AWURADE reboaboa dɔm ano ama ɔsa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Asafo yuu gyegyeegye wɔ mmepɔ so sɛdeɛ nkurɔfoɔ bebree deɛ teɛ no: Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ano, ahennie ahodoɔ huuyɛ gyegyeegye, asafo AWURADE reboaboa dɔm ano ama ɔsa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Tie osebɔ gyegyeegye wɔ mmepɔw so, sɛ nkurɔfo bebree nne te no. Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ho ano, ahenni horow huuyɛ gyegyeegye, asafo AWURADE rehwehwɛ asraafo akɔ sa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Tie huuyɛ bi a ɛwɔ mmepɔw no so te sɛ dɔm kɛse bi de! Tie akasakasa a ɛwɔ ahenni ahorow mu, te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano! Asafo Awurade reboa dɔm ano akɔ ɔko.