Isaiah 14:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade bɛhunu Yakob mmɔbɔ; ɔbɛsane afa Israel na ɔbɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn ankasa asase so. Ananafoɔ bɛba abɛka wɔn ho na wɔne Yakob efie aka abɔ mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wayi Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafoɔ de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fie ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wayi Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafoɔ de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fie ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wapaw Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafo de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fi ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade behu Yakob mmɔbɔ; ɔbɛsan afa Israel na ɔbɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn ankasa asase so. Ananafo bɛba abɛka wɔn ho na wɔne Yakobfi aka abɔ mu.