Isaiah 14:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɔbarima a ɔmaa ewiase danee anweatam, deɛ ɔdanee ne nkuropɔn butuiɛ na wamma ne nneduafoɔ ankɔ wɔn nkyi no nie?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Deɛ ɔmaa wiase danee anwea pradada soɔ, na ɔdwiridwirii emu nkuro, na wannya emu nneduafoɔ kwan ankɔ fie no nie?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Deɛ ɔmaa wiase danee anwea pradada soɔ, na ɔdwiridwirii emu nkuro, na wannya emu nneduafoɔ kwan ankɔ fie no nie?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nea ɔmaa wiase dan anwea so na oburuburuw emu nkurow, na wannyaw emu nneduafo kwan ankɔ ofie no ni?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ɔbarima a ɔmaa wiase dan nweatam, nea ɔdan ne nkuropɔn butuwii na wamma ne nneduafo ankɔ wɔn nkyi no ni?”