Isaiah 14:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔrensie wo nka wɔn ho, ɛfiri sɛ, woasɛe wʼasase na wakunkum wo nkurɔfoɔ. Otirimuɔdenfoɔ asefoɔ no wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼadeɛ sɛ ɔhene.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔremfa wo nka wɔn ho afunsie mu, ɛfiri sɛ woasɛe w’asase na woakunkum wo man. Wɔmmmɔ nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ din da biara da bio.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔremfa wo nka wɔn ho afunsie mu, ɛfiri sɛ woasɛe w’asase na woakunkum wo man. Wɔmmmɔ nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ din da biara da bio.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔremfa wo nka wɔn ho afunsie mu, efisɛ woasɛe w’asase na woakunkum wo nkurɔfo. Wɔmmmɔ nnebɔneyɛfo asefo din da biara da bio.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔrensie wo nka wɔn ho, efisɛ woasɛe wʼasase na wakunkum wo nkurɔfo. Otirimɔdenfo asefo no wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼade sɛ ɔhene.