Isaiah 14:22 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Mɛsɔre atia wɔn,” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛtwa ne din ne ne nkaeɛfoɔ, ne mma ne mmanananom afiri Babilonia ho,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mɛsɔre matia wɔn, asafo AWURADE asɛm nie, na matwa din ne wɔn a aka, mma ne mmanana afiri Babel, AWURADE na ɔseɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mɛsɔre matia wɔn, asafo AWURADE asɛm nie, na matwa din ne wɔn a aka, mma ne mmanana afiri Babel, AWURADE na ɔseɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mɛsɔre mahyɛ wɔn, asafo AWURADE asɛm ni, na matwa din ne wɔn a aka, mma ne mmanana, mafi Babel, AWURADE na ose.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Mɛsɔre atia wɔn,” Sɛnea Asafo Awurade se ni. “Metwa ne din ne ne nkae, ne mma ne ne nenanom afi Babilonia ho,” sɛnea Asafo Awurade se ni.