Isaiah 14:26 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei ne nhyehyɛeɛ a wɔayɛ ama ewiase nyinaa; yei ne nsa a wɔatene wɔ aman nyinaa so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛno ne ɛpɔ a wɔabɔ no asase nyinaa ho, ɛno ne nsa a wɔatene no amanaman nyinaa soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛno ne ɛpɔ a wɔabɔ no asase nyinaa ho, ɛno ne nsa a wɔatene no amanaman nyinaa soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛno ne pɔw a wɔabɔ afa asase nyinaa ho, na ɛno ne nsa a wɔateɛ, amanaman nyinaa so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi ne nhyehyɛe a wɔayɛ ama wiase nyinaa; eyi ne nsa a wɔateɛ wɔ aman nyinaa so.