Isaiah 14:29 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monnni ahurisie, mo Filistifoɔ, sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu; saa ɔwɔ no ase na ɔnanka bɛfiri aba, na nʼaba bɛyɛ ɔtweaseɛ a ne ho yɛ herɛ na nʼano wɔ borɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nni ahurisie, wo Filistia nyinaa, sɛ abaa a ɛhwee woɔ no abu, na ɔwɔ nhini no mu na ɔkyerebene bɛfiri aba, na ne ba nso ayɛ ogya ɔwɔ a ɔtuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nni ahurisie, wo Filistia nyinaa, sɛ abaa a ɛhwee woɔ no abu, na ɔwɔ nhini no mu na ɔkyerebene bɛfiri aba, na ne ba nso ayɛ ogya ɔwɔ a ɔtuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nni ahurusi, wo Filistia nyinaa, sɛ abaa a ɛhwee wo no abu, na ɔwɔ ntini no mu na ɔkyereben befi aba, na n’aba nso ayɛ ogya wɔ a otu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Munnni ahurusi, mo Filistifo, sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu; saa ɔwɔ no ase na ahurutoa befi aba, na nʼaba bɛyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hare na nʼano wɔ bɔre.