Isaiah 14:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne ho abɛhyia wo kwan; ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhom sɛ wɔmmɛma wo akwaaba, wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ ewiase, ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so, wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Asamando a ɛwɔ aseɛ no ka ne ho bɛhyia wo ba; ɛhwanyan nsamanfoɔ ma wo, wɔn a anka na wɔyɛ asase so akunini nyinaa; ɛma wɔn a anka wɔyɛ amanaman ahemfo nyinaa sɔresɔre firi wɔn ahennwa so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Asamando a ɛwɔ aseɛ no ka ne ho bɛhyia wo ba; ɛhwanyan nsamanfoɔ ma wo, wɔn a anka na wɔyɛ asase so akunini nyinaa; ɛma wɔn a anka wɔyɛ amanaman ahemfo nyinaa sɔresɔre firi wɔn ahennwa so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Asamando keka ne ho rebehyia wo ba a woreba no; ɛrehwanyan nsamanfo ahyia wo, asase so akunini nyinaa; ɛma amanaman ahene nyinaa sɔresɔre fi wɔn agua so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awufo nna a ɛwɔ ase no rekeka ne ho abehyia wo kwan; ɛkanyan wɔn a wɔafi mu no honhom sɛ wɔmmɛma wo akwaaba, wɔn a na wɔyɛ akannifo wɔ wiase ɛma wɔsɔre fi wɔn nhengua so, wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so.