Isaiah 18:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛberɛ no wɔde akyɛdeɛ bɛbrɛ Asafo Awurade ɛbɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom hɔ, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu. Wɔde akyɛdeɛ bɛba Sion Bepɔ so, beaeɛ a Asafo Awurade din atim no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛberɛ no mu na wɔde ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ asafo AWURADE ɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn ho akokwa, Wɔyɛ ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔfa aman ara firi akyirikyiri ne bɛnkyɛeɛ, na nsubɔntene atwitwa n’asase mu no. Wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenaeɛ a ɛne Sion bepɔ no soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛberɛ no mu na wɔde ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ asafo AWURADE ɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn ho akokwa, Wɔyɛ ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔfa aman ara firi akyirikyiri ne bɛnkyɛeɛ, na nsubɔntene atwitwa n’asase mu no. Wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenaeɛ a ɛne Sion bepɔ no soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛbere no mu na wɔde ɔman a wɔyɛ atenten na wɔn ho akokwaw bɛyɛ ayɛyɛde abrɛ asafo AWURADE wɔn a wofi ɔman a wɔn ho yɛ hu ara fi ha de rekɔ no mu, ɔman a wɔwɔ tumi a wotiatia aman so a nsubɔnten atwitwa n’asase mu no, wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenae a ɛne Sion bepɔw no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere no, wɔde akyɛde bɛbrɛ Asafo Awurade ebefi nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom hɔ, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu, wɔde akyɛde bɛba Sion Bepɔw so, faako a Asafo Awurade din atim no.