Isaiah 19:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfoɔ, na saa da no wɔbɛhunu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuane bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE bɛyi ne ho adi ama Misraim ahu no, na Misraimfoɔ bɛhunu AWURADE ɛda no, na wɔde afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ asom no, na wɔahyɛ AWURADE bɔ na wɔama.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE bɛyi ne ho adi ama Misraim ahu no, na Misraimfoɔ bɛhunu AWURADE ɛda no, na wɔde afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ asom no, na wɔahyɛ AWURADE bɔ na wɔama.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE beyi ne ho adi ama Misraim ahu no, na Misraimfo behu AWURADE ɛda no, na wɔde afɔre ne ayɛyɛde asom no, na wɔahyɛ AWURADE bɔ na wɔama.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfo, na saa da no wobehu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuan bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so.